Wednesday 9 February 2022

Akwaaba

 (English Translation follows)



Naa Ameley 


Me dɔ 

Me ba


Me mpaeɛ a Ɔbaatampa Nyankopɔn gyee so maa me

Me mpaeɛ nyiano a Wayi de ahyɛ yɛn nsam 


Akwaaba


Akwaaba biom


Wode anigyeɛ soronko na abrɛ yɛn

W’anim a wokyimkyim de kyerɛ yɛn

Anim a ɛ tumi danedane de gyegye yɛn ani


Saa ara

Saa ara na w’abrabɔ nyɛ mma wo

Ɛdanedane sen dɛn koraa a

Ma w’akoma nya anigyeɛ soronko

Wɔ nyinaa mu

Ma w’akoma nya anigyeɛ a ɛfiri

W’akoma a woatimtim wɔ Yesu Kristo mu


Naa Ameley

Yɛn dɔfoba Naa Ameley 


Me mpaebɔ kɛseɛ ne sɛ 

Wo nkwa da nyinaa 

Wobɛnya anigyeɛ wɔ yɛn Tweadeampɔn mu

Wobɛhunu No, wobɛdɔ No

Wobɛyi N’ayɛ w’akoma mu 

Wode anuonyam bɛbrɛ No

W’abrabɔ mu 


Naa Ameley

Yɛn Naa Ameley


Nyame de wo ahyira yɛn 

Na yɛn anigyeɛ ɛboro deɛ yɛsusuu sɛ yɛbɛnya


Me mpaebɔ ne sɛ 

Awurade No ara bɛboa yɛn

Ama yɛakyerɛ wo Ne kwan

Ama yɛn abɛn wo

Ama yɛayɛ w’adamfonom soronko

Ne w’awofoɔ pa 

Na da biara Nyame bɛma yɛn nkwa

A Ɔsane bɛma yɛn wo nso aka ho

Me mpaebɔ ne sɛ 

Yɛbɛwɔ hɔ ama wo

Na w’adwen anyɛ wo nyaa sɛ 

Yɛn akoma mu ne yɛn ahoɔden mu

Yɛwɔ hɔ ma wo 


Naa Ameley 

Akwaaba biom

Awiase yɛ dɛ, gye w’ani

Awiase yɛ ya, nya gyedie 

Nyame mu dɛ ɛkyɛn nyinaa, asomdwoe nka wo

Nyame asomdwoe nka wo 

Wo nkwa daa nyinaa


Naa Ameley

Yɛn Naa Ameley

Akwaaba


(English Translation below)




11:39am





1st Baby Diares || Wednesday, 9th February, 2022 || 2 calendar months, 15 days





English translation



Naa Ameley


My love

My child


My prayer that our “Motherly” and Sovereign God answered for me

My answered prayer that He has selected and placed in our hands


Welcome


Welcome again


You have brought us a unique kind of joy

The many expressions you keep showing us on your face

Facial expressions that keep changing to entertain us


Just like them

May your life, to you, be just like them

No matter how [your life] twists and turns

May your heart find unique joy

In all of it

May your heart find happiness that is from

Your heart being grounded in Jesus Christ


Naa Ameley

Our beloved child Naa Ameley


My massive prayer is that

All the days of your life

You would find joy in our Dependable [God]

You will know Him, you will love Him

You will praise Him in your heart

Your will bring Him honour

In your life


Naa Ameley

Our Naa Ameley


God has blessed us with you

And our joy exceeds what we imagined we would have


My prayer is

The Lord Himself will help us

To show you His way

To be close to you

To be your special friends

And your good parents

For every day that God grants us life

And that He also gives us you in addition

My prayer is

We will be there for you

So that you will not doubt

That in our hearts and in the strength we have

We are there for you


Naa Ameley

Welcome once more

The world is sweet, have fun

The world is painful, have faith

The sweetness [found] in God surpasses everything, peace be with you soon

[May] God’s peace be with you

All the days of your life


Naa Ameley

Our Naa Ameley

Welcome

No comments:

Post a Comment